Psalms 121

Ɔsoroforo dwom.


1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,
ɛhe na me mmoa fi bɛba?

2 Me mmoa fi Awurade,
ɔsoro ne asase yɛfo no.


3 Ɔremma wo nan nwatiri,
nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.

4 Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no
rentɔ nko na ɔrenna.


5 Awurade hwɛ wo so;
Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so;

6 Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,
na ɔsram nso rensɛe wo anadwo.


7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,
ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8 Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so
mprempren ne daa.
Copyright information for TwiAKNA